Allow cookies in your browser

Daddy Lumba - Me Mpaebo Lyrics | LYRNOW.COM

Daddy Lumba - Me Mpaebo

Copied!edit Lyrics
original text at lyrnow.com/2012607
Chorus
Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me mpaebɔ yi, aah
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Chorus
Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me mpaebɔ yi
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Verse 1
Mpaebɔ Tiefoɔ Nyame ei
Agya ei, na Wo mma rebrɛ o
Na Wo mma rebrɛ wɔ abrabɔ yi mu
Me ne ɔhyɛbrɛ yi adi asie biara
Mebɔ ɔbra nso a menhunu ano
Ama menenam nkorɔfoɔ nkuro nso, ha!
Afei deɛ, matɔ baha o
Meteam nso a, ohinifoɔ mma
Paapa ei, na agye Wo nko ara
Agya, Woyɛ Onyame dada no ara
Wo nsam' na ɔgyeɛ ne ɔma wɔ
Nti tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Verse 2
Ohia ama animuonyam abɔ me o
Antemmerewama paa nie a, ɛnnɛ yɛretwe me sɛ sonsono, ha
Sɛkyerɛni ba ei, m'asɛm ni o
Mede me hia yi rebɛkɔ owuo ni?
M'Agya, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me yareɛ yi o
Makyinkyini, akyinkyini, akyini, akyini a
Paapa, menya ɔhwɛfoɔ
Wo na wosaa ɔyarefoɔ bi yareɛ
Ɛwɔ homeda mpo no
Enti, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Chika, chicka, chika, ai!
Santan, santan, whoa

Instrumental

Verse
Osutani baa ei, Tiwaa ei
Me yafunu yi deɛ m'abrɛ o
Paapa, me mpaebɔ nie
Woyɛɛ bi de maa Sarah a
Ɛmma Wo werɛ mfiri wo ba o
Ma menwo, mfa me ho, mfa me ba
Yie ei, mede no bɛto Nyamekyɛ o
Awoɔ na yɛrewo a yɛrekɔ no bebereebe yi
Awoɔ, yɛdi no wɔ ahiafuro o
Paapa, me mpaebɔ nie, ha
Woyɛɛ bi de maa Sarah a
Ɛmma Wo werɛ mfiri wo ba o
Ma menwo mfa me ho, mfa me ba
Yie ei, mede no bɛto Nyamekyɛ o
Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Chorus
Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ ma, me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me mpaebɔ yi a
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Chorus
Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Me mpaebɔ yi
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Turnaround
Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
M'Agya, tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya, tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Ha, tie me sufrɛ. ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Mmm (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Outro
M'Agya, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Tie me sufrɛ ei, Agya (Ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Tie me sufrɛ o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
 
0

Song Description:

edit soundcloud

SoundCloud:

edit soundcloud

More Daddy Lumba lyrics

Daddy Lumba - Theresa
{Verse 1} Sɛ manyi wo ayɛ a, ɛnneɛ, na menni ayɛ o Na sɛ mammɔ wo din a, na meyɛ boniayɛfoɔ o Na sɛ manyi wo ayɛ a, ɛnneɛ, na menni ayɛ o Oboniayɛfo ne me, Nana ei, sɛ

Daddy Lumba - Aben Wo Aha
{Intro} Manya m'ade dɛɛdɛ yi (Ama) Me ba resu a mente o (Ama) Manya m'ade dɛɛdɛ yi, aah (Ama) Me ba resu a mente o (Ama) Manya m'ade dɛɛdɛ yi (Ama)

Daddy Lumba - Doctor Panee
{Verse 1} Fine boy! (Me ara me boy!) Fine boy! (Me ara me boy!) Ɔda m'anim ha (Me ara me boy!) Me nso me da n'akyi hɔ (Me ara me boy!) Ɔshake ma me (Me ara

Daddy Lumba - Dangerous
{Intro} Some girls are dangerous Some girls are dangerous Some girls are dangerous Some girls are dangerous {Verse 1} Mm, Dada ei Sɛ

Daddy Lumba - Tokrom
{Verse 1} Ɛnnɛ mmaa mpɛ hia o, Kwadwo, eh (Yɛregye adwa) They choose hardcore (Already-made) Nea akɔhyɛ biara, nea akɔhyɛ biara Ɛnnɛ mmaa mpɛ hia o, Kwadwo, eh (Yɛregye

Daddy Lumba - Se Wo Da Ento Pono Mu
{Verse 1} Oo-woo, 'yɛ a na awɔ de me o Sɛ adeɛ sa a, na mafe ɔdɔ o Ɔdammabi eh, ka wo ho o, ao, me dɔ ei Oh, sɛsɛɛ ɔde awerɛhoɔ akɔda o

Daddy Lumba - Ankwanoma
{Chorus} Ankwanoma Mede me kra abɔ afɔreɛ o Mereyɛ nea mɛtumie Me mmerɛ so a, na mekorɔ o Ankwanoma, anoma ei, boo, na anoma ei Mm, Ankwanoma ei Me mmerɛ

Daddy Lumba - Me Mpaebo
{Chorus} Me mpaebɔ yi Me mpaebɔ ni o Tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim Agya ei, me mpaebɔ yi, aah Adom Wura, me mpaebɔ ni o Paapa ei, tie me sufrɛ,