Nana Yaw Asare - Odoman Kuma

Copied!edit Lyrics
original text at lyrnow.com/2047583
Intro
Amen!
Ma, ma-ma-ma, ma-ma-ma, ma-ma

Chorus
Ɔdomankoma
Nnase nka Wo din no
Ɔdomankoma
Oh, nhyira nka Wo din, wae?
Ɔdomankoma
Nana, mekoto Wo o, mekamfo Wo, wae?
Ɔdomankoma
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ

Verse 1
Ɛyɛ a Wo nwuma yɛ me nwanwa bebree
Onyame, Wo deɛ Wo yɛ Onyame
Da biara Woyɛ Onyame
Aane, enti na Wontɔ nko na Wonna ei
Da biara woyɛ kɛseɛ, akɛsesɛm no fata Wo nko ara
Onyame Wo deɛ Woyɛ akɛsesɛm, obiara ntumi mmrɛ W'ase koraa
Ɛno nti, abɔdeɛ nyinaa ara nyɛ komm mma me Nyankopon nko ara nyɛ deɛ Ɔpɛ, wae?
Abɔdeɛ nyinaa ara nkoto No, mma me Nyankopon nko ara deɛ, Ɔfata ayeyi ankasa
Hwan koraa na ɛbɛtumi atimtim sɛ deɛ Woatim sɛ ɛboɔ yi ah?
Wo nko ara Wo kɛseɛ ani akata obiara so
Hwan koraa na ɛbɛtumi ne W'apre biribi ho?

Pre-Chorus
Ɛno nti Awurade Nyankopon eh
Wo sene ade nyinaa, m'Agya
Enti me di ayeyi ma Wo nko ara

Chorus
Ɔdomankoma
Nnase nka Wo din no
Ɔdomankoma
Oh, nhyira nka Wo din, wae?
Ɔdomankoma
Nana, mekoto Wo o, mekamfo Wo, wae?
Ɔdomankoma
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ

Verse 2
Enti Nyame bɛn koraa na ɛbɛtumi ne Wo adi asie?
Aane, tumi bɛn koraa na ɛbɛtumi akyɛn Wo wɔ ahoɔden mu?
Ah, Ɔdomankoma eh, Ɔdomankoma eh
Tumi bɛn koraa na ɛbɛtumi ne Wo ayɛ awanwa adwuma, wae?
Nnipa nyinaa dan Wo o, nnuaa nyinaa ara dan Wo o
Mmoadoma nso dan Wo o, abɔdeɛ nyinaa
Ebei, me Nyankopɔn!
Sɛ Wonyɛ Nyame a nka W'abam bɛbu
Na Wo de, kanea fira Wo sɛ ntoma no o
Ɔwanwani a Woyɛ awanwa adwuma
Wotumi adeɛ nyinaa yɛ, mfie mpem yɛ Wo da koro
Na sɛ yɛsane Wo ho bɔ pɔ a ɛnyɛ yie koraa
Sɛɛnti na yɛfrɛ Wo Ɔkokoromoti ei
Atu Hene Si Hene Nyame
Neɛ wo pɛ na Wo yɛ
Wo yɛ Nyame prɛkopɛ

Pre-Chorus
Na me se Awurade Nyankopɔn eh
Wosene ade nyinaa m'Agya
Nana Yaw, me Nyankopɔn eh
Wosene ade nyinaa m'Agya
Nti mede ayeyi ma Wo nko ara

Chorus
Ɔdomankoma
Nnase nka Wo din no
Ɔdomankoma
Oh, nhyira nka Wo din, wae?
Ɔdomankoma
Nana, mekoto Wo o, mekamfo Wo, wae?
Ɔdomankoma
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ

Instrumental

Verse 3
Hwan koraa na ɛbɛtumi adɛre sɛneɛ Wo dɛre sɛ ogya yi a?
Nea Wo pɛ na wo yɛ, nti no, kɔ so ara na yɛ nea Wopɛ
Ɛfirisɛ ɔbonsam mpo nim sɛ Woyɛ Onyame koro, na Wo kyɛn no koraa
Ɛfirisɛ Wo nyɛ Onyame a nka W'ahenie no deɛ, nka ɛbɔ Wo akyɛ, hey!
Onyame a me ne Wo nam a, ee, me ne Wo nam a me ne apem nam
Ɛno nti no, mɛbɔ Wo din
Wo ne obiara mpere W'ahenie no ho
Mmoadoma mpo ne meyɛ adwen paa sɛ wo ne obiaa mpere W'ahenie no ho

Pre-Chorus
Awurade Nyankopɔn eh
Wosene ade nyinaa, m'Agya
Ade nyinaa so tumfo eh
Wosene ade nyinaa, m'Agya
Nti mede ayeyi ma Wo nko ara

Chorus
Ɔdomankoma
Nnase nka Wo din no
Ɔdomankoma
Oh, nhyira nka Wo din, wae?
Ɔdomankoma
Nana, mekoto Wo o, mekamfo Wo, wae?
Ɔdomankoma
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ
Nti me de ayeyi ma Wo nkoaa

Outro
Ɔdomankoma
Nnase nka Wo din no
Ɔdomankoma
Oh, nhyira nka Wo din no
Ɔdomankoma
Nana, mekoto Wo o, mekamfo Wo, wae?
Ɔdomankoma
Alleluyah! Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ (Wote ase daadaa-daa)
Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ (Wote ase daa)
Mɛbɔ Wo din akyerɛ obiara, mɛbɔ
 
0

Song Description:

edit soundcloud

SoundCloud:

edit soundcloud

More Nana Yaw Asare lyrics

Nana Yaw Asare - Odoman Kuma
{Intro} Amen! Ma, ma-ma-ma, ma-ma-ma, ma-ma {Chorus} Ɔdomankoma Nnase nka Wo din no Ɔdomankoma Oh, nhyira nka Wo din, wae?