Allow cookies in your browser

Daasebre Gyamenah - Obaa Ben Ni Lyrics | LYRNOW.COM

Daasebre Gyamenah - Obaa Ben Ni

Copied!edit Lyrics
original text at lyrnow.com/2062921
Verse 1
Muscatella, Mirinda, honey
E'biara nni hɔ a ne dɛ te sɛ ɔno o
Mese, m'adepa bi a ɛyeraa dadaada no
Saa na aha na abɛpue
Nti Asew Akɔnɔakɔnɔ, ka biribi kyerɛ me ɛ?
Ɛfa m'adepa a abɛpie ha yi
Hmm, dea mereka nyinaa, mepɛ sɛ me kyerɛ sɛ
Hwan na ne ba baa nie?
Ao ?, e-yeah
Anokwa, mehunuu no no, me yam hyee me
Buei! Ɔbaa bɛn ni?
Mede akokoduro kɔbisaa ne din
Ma no yii m'ano sɛ, yɛfrɛ no Nana Ama
Fa me kɔ, na menkɔ hunu w'agya fie
Mepɛ sɛ mebisa maame asɛm
Sɛ yɛkɔ na sɛ mekɔhu maame a, mɛka sɛ
"Baabi a, ɔda woo wo no, ɔnna hɔ biom"

Pre-Chorus
Firi sɛ, ɔdɔ bi da nso, ao
Hwana na ne ba baa nie?

Chorus
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)

Verse 2
Adekyinkyin, kyinkyin, adane m'adwen
Me nsusuiiɛ nyinaa aka me tiri mu o
Firisɛ ɔbaa ahoɔfɛfoɔ a ɔte sɛ yei deɛ
Ne ho ka deɛ, agye sɛ sika korabea baatan
Saa yɛnhwɛ onipa anim mmu atɛn
Yɛn nananom kasa, ɛmu yɛ duru o
Ampa sɛ, yɛka sɛ, "Bankye nyɛ a, ah-ah
Saa na egya na ɛbɛkyere nti"
Megyeegyaa me ho a nka mato me ho agu o, ho, ho, ho
Mese nka, mato me ho agu o
Awareɛ mu anigyie deɛ, menhyia biom
Adehyeɛ mma ei, m'aka dada sɛ
"Yɛmfa ahoɔfɛ nkɔ awareɛ ei"
Nanso ɔbaa bi a, mabɛhyia no no
Ahoɔfɛ ne suban deɛ, ɔfa no kwa
Ɔsiesie ne ho na sɛ ɔrefiri adi a
Buei! sɛ deɛ yɛrehwɛ no ara ni
Ahwehwensin a ɔbɛtutu agu ne ho deɛ
Ɔfiti kuro ti a, na ne ho agye afiefie mu

Pre-Chorus
Mm, ɔdɔ bi da nso, ao
Hwan na ne babaa nie?

Chorus
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)

Instrumental

Verse 3
Asiakwaa ei, me dada mu ara o
Obi ntumi nnane me akyenkyena
Firi sɛ, ano da hɔ a, ɛkeka nsɛm nti no
Nea wobɛte biara, ɛyɛ a fa w'ani to fam
Afei sɛsɛɛ, me nso mɛto aboa, woate?
Ma no afrɛ me Daddy
Anokwa, sɛ deɛ mereka nyinaa ba mu a
Kwadwo, mɛto ne din Nyamekyɛ
Mm, firi sɛ, Nyankopɔn akyɛ me adeɛ o
Ɛwɔ me wiase a, mebaaɛ yi mu

Chorus
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)

Outro
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)
Sɛ mehwɛ (Wo suban ne wo nneyɛɛ a)
Ampa sɛ (Obi nnim a, obi kyerɛ)
Mepe sɛ (Mekɔbisa Maame sɛ)
Maame sɛ (Ne ba, ba baa bɛn nie?)
Sɛ mehwɛ
 
0

Song Description:

edit soundcloud

SoundCloud:

edit soundcloud

More Daasebre Gyamenah lyrics

Daasebre Gyamenah - Obaa Ben Ni
{Verse 1} Muscatella, Mirinda, honey E'biara nni hɔ a ne dɛ te sɛ ɔno o Mese, m'adepa bi a ɛyeraa dadaada no Saa na aha na abɛpue Nti Asew Akɔnɔakɔnɔ, ka